Isaiah 46

Babilonia Anyame


1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase;
mfurum soa wɔn ahoni.
Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru,
ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.

2 Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase;
wontumi nsiw amanehunu ano,
wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.


3 “Muntie me, Yakobfifo,
mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa,
mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu,
na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.

4 Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu,
Me ne no, Me ne nea obeso mo mu.
Mabɔ mo na meturu mo;
mɛwowaw mo na megye mo.


5 “Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso?
Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?

6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu
na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;
wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi,
na wɔkotow sɔre no.

7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so,
wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara.
Ɛrentumi mfi faako a esi.
Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua;
ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.


8 “Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim,
munnwen ho mo atuatewfo.

9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;
Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ;
Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10 Meda awiei adi fi mfiase,
efi tete, meka nea ɛbɛba.
Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina,
na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam;
afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma.
Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu;
nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.

12 Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo,
mo a mo ne trenee ntam kwan ware;

13 Mede me trenee rebɛn,
enni akyirikyiri;
na me nkwagye nso renkyɛ.
Mɛma Sion nkwagye,
na mede mʼanuonyam ama Israel.
Copyright information for TwiAKNA